Leviticus 19:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nkyinkyini nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. Mmebusɛm 11:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din+ no yi atirimusɛm adi,+ na deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ* no kata asɛm so.+ Mmebusɛm 25:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi,+ Mmebusɛm 25:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Atifi mframa wo osutɔ;+ na kɛtrɛma a ɛyi ahuntasɛm adie nso wo amunamuna anim.+