23 W’atumfoɔ asene wɔn kɔn na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmudeɛ,+ na wɔtĩ akyɛdeɛ.+ Wɔnni agyanka asɛm mma no, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.+
11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+