Dwom 66:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Sɛ masusu bɔne bi m’akoma mu a,Anka Yehowa rentie me.+ Dwom 109:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Sɛ wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ;Na ne mpaebɔ mpo, ma wɔmmu no bɔne.+ Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne amumuyɔfoɔ ntam kwan ware,+ na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.+ Yesaia 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+
15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+