Hiob 27:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ ahohia ba ne so a,Onyankopɔn bɛtie ne sufrɛ?+ Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne amumuyɔfoɔ ntam kwan ware,+ na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.+ Mmebusɛm 28:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔyi n’asõ firi mmara tie ho+ no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.+ Yesaia 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ Yohane 9:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na mmom sɛ obi suro Nyankopɔn na ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔtie no.+ Yakobo 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mobisa nanso mo nsa nka, ɛfiri sɛ mode adwemmɔne na ɛbisa,+ sɛ mode bɛdi mo honam akɔnnɔ akyi.+
15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+