1 Samuel 25:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Dawid tee sɛ Nabal awu, na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wadi m’asɛm+ ayi m’ahohoraa+ na wayi me afiri Nabal nsam na wamma n’akoa anyɛ bɔne,+ na Yehowa ama Nabal bɔne adane agu n’atifi!”+ Na Dawid somaa sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware+ no. Mmebusɛm 31:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Osoowa yɛ nnaadaa+ na ahoɔfɛ yɛ ahuhudeɛ;+ ɔbaa a ɔsuro Yehowa na wɔyi no ayɛ.+ 1 Timoteo 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Saa ara nso na mepɛ sɛ mmaa de fɛreɛ+ ne adwenemteɛ hyɛ ntadeɛ a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔ soronko ne sika anaa nhwenneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den kɛse+ mu, 1 Petro 3:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 na mmom momma no nyɛ akomam nipa a wahunta,+ honhom a ɛyɛ komm na ɛdwoɔ,+ atadeɛ a ɛmporɔ;+ yei na ɛsom bo Onyankopɔn anim.
39 Dawid tee sɛ Nabal awu, na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wadi m’asɛm+ ayi m’ahohoraa+ na wayi me afiri Nabal nsam na wamma n’akoa anyɛ bɔne,+ na Yehowa ama Nabal bɔne adane agu n’atifi!”+ Na Dawid somaa sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware+ no.
9 Saa ara nso na mepɛ sɛ mmaa de fɛreɛ+ ne adwenemteɛ hyɛ ntadeɛ a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔ soronko ne sika anaa nhwenneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den kɛse+ mu,
4 na mmom momma no nyɛ akomam nipa a wahunta,+ honhom a ɛyɛ komm na ɛdwoɔ,+ atadeɛ a ɛmporɔ;+ yei na ɛsom bo Onyankopɔn anim.