Mmebusɛm 10:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔteneneeni nnwuma ma nkwa;+ ɔbɔnefoɔ aba deɛ, ɛwie bɔne.+ Mmebusɛm 12:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Tenenee kwan so na nkwa wɔ,+ na ɛso fa nkɔ owuo mu.+ Habakuk 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Hwɛ, onipa a ne kra ahoran;+ ɛntene wɔ ne mu. Na ɔteneneeni deɛ, ne gyidie na ɛbɛgye no nkwa.+ Asomafoɔ Nnwuma 10:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a ɔsuro no na ɔyɛ adetenenee no, ɔgye no tom.+ Adiyisɛm 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+
10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+