Mmebusɛm 13:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anidasoɔ a ɛmma mu ntɛm ma akoma yare,+ na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.+ Mmebusɛm 16:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm;+ ɛyɛ ɔkra dɛ na ɛsa nnompe yareɛ.+ Yesaia 50:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara ama me asuafoɔ kɛtrɛma+ na mahunu asɛm a mede bɛbua deɛ wabrɛ.+ Anɔpa biara ɔnyane me, ɔnyane m’aso ma metie sɛ asuafoɔ.+ Sakaria 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.+
4 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara ama me asuafoɔ kɛtrɛma+ na mahunu asɛm a mede bɛbua deɛ wabrɛ.+ Anɔpa biara ɔnyane me, ɔnyane m’aso ma metie sɛ asuafoɔ.+