19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛseɛ, ahohia berɛ mu dwankɔbea,+ wo nkyɛn na amanaman no firi asase+ ano bɛba abɛka sɛ: “Atorɔ+ nko na yɛn agyanom bɛtoeɛ, ahuhudeɛ ne nneɛma a mfasoɔ nni soɔ.”+
17 mmom asɛm a afiri yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛdeɛ yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahemfo+ ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no.+