7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ:+ “Baako da so wɔ hɔ+ a yɛbɛtumi afa ne so abisa Yehowa, nanso me deɛ, mempɛ n’asɛm+ koraa ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa bi da, na bɔne nko ara na daa ɔka.+ Ɔne Yimla ba Mikaia.”+ Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”+