Dwom 50:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Berɛ a wo korɔ yi ara wotan ntenesoɔ,+Na woato me nsɛm agu w’akyi yi?+ Mmebusɛm 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛdeɛ metanee ntenesoɔ+ na m’akoma buu kasakyerɛ animtia!+ Mmebusɛm 13:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ ɔbu n’ani gu ntenesoɔ soɔ no, ohia ne animguaseɛ na ɛbɛka no,+ na deɛ ɔsɔ kasakyerɛ mu no, ɔnya animuonyam.+ Hebrifoɔ 12:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Monhwɛ yie na moantwe mo ho amfiri deɛ ɔrekasa no ho.+ Na sɛ wɔn a wɔtwee wɔn ho firii deɛ ɔmaa wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ wɔ asase soɔ ho no antumi annwane+ a, yɛn deɛ, sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa+ no a, ɛbɛyɛ den paa ama yɛn.
18 Deɛ ɔbu n’ani gu ntenesoɔ soɔ no, ohia ne animguaseɛ na ɛbɛka no,+ na deɛ ɔsɔ kasakyerɛ mu no, ɔnya animuonyam.+
25 Monhwɛ yie na moantwe mo ho amfiri deɛ ɔrekasa no ho.+ Na sɛ wɔn a wɔtwee wɔn ho firii deɛ ɔmaa wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ wɔ asase soɔ ho no antumi annwane+ a, yɛn deɛ, sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa+ no a, ɛbɛyɛ den paa ama yɛn.