Ɔsɛnkafoɔ 12:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛyɛ dɛ+ na watwerɛ nsɛmpa a ɛyɛ nokorɛ.+ Luka 4:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+ 2 Korintofoɔ 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Enti ɛsiane sɛ yɛnim Awurade suro+ nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔte aseɛ,+ na Onyankopɔn anim na wɔada yɛn adie. Nanso megye di sɛ wɔada yɛn adi mo ahonim+ nso mu. Kolosefoɔ 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Momma mo kasa ho mmra nyam+ berɛ nyinaa na nkyene+ mmra mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua+ obiara.
22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+
11 Enti ɛsiane sɛ yɛnim Awurade suro+ nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔte aseɛ,+ na Onyankopɔn anim na wɔada yɛn adie. Nanso megye di sɛ wɔada yɛn adi mo ahonim+ nso mu.