Mmebusɛm 15:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Onipa anom mmuaeɛ ma no di ahurisie,+ na asɛm a wɔka no berɛ a ɛsɛ mu deɛ, O hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ!+ Mmebusɛm 16:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Akoma mu nyansafoɔ na wɔbɛfrɛ no nteaseɛ,+ na deɛ n’anom kasa yɛ dɛ na nkurɔfoɔ tie no.+ Mmebusɛm 16:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm;+ ɛyɛ ɔkra dɛ na ɛsa nnompe yareɛ.+ Mmebusɛm 25:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Asɛm a wɔka no berɛ a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a ɛgu dwetɛ anwenneɛ mu.+