Leviticus 19:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 “‘Sɔre wɔ dwono anim,+ na di akɔkoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa. Hiob 32:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mekaa sɛ, ‘Mɛma nna akasa,Na mfeɛ dodoɔ ada nyansa adi.’+ Mmebusɛm 20:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Mmeranteɛ ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden,+ na nkɔkoraa animuonyam ne wɔn atifi dwono.+