Dwom 37:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Adeɛ kakra a ɔteneneeni wɔ no yɛ+ seneAdedodoɔ a nnebɔneyɛfoɔ bebree wɔ.+ Mmebusɛm 15:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Yehowa suro mu ade ketewa yɛ+ sene adedodoɔ a ɔhaw bata ho.+ Mmebusɛm 16:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Tenenee mu ade ketewa yɛ+ sene nnɔbaeɛ pii a atɛntenenee nni mu.+ Mmebusɛm 17:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Paanoo wesee a asomdwoeɛ wom+ yɛ sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ahyɛ mu mã.+