Mmebusɛm 10:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mfomsoɔ mpa kasa dodoɔ mu,+ na deɛ ɔsianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+ Mmebusɛm 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Anyansafoɔ kɛtrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+ na nkwaseafoɔ ano woro nkwaseasɛm.+ Ɔsɛnkafoɔ 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɔkwasea anom nsɛm dɔɔso.+ Obi nnim ɔkyena asɛm; deɛ ɛbɛba wɔ n’akyi nso, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ?+