7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfoɔ, montie ɛ. Yese ba+ no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo anaa?+ Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfoɔ+ ne ɔha ha so ahwɛfoɔ anaa?
2 Na Ɔhene Nebukadnesar somaa sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ amantam asoafoɔ, atitire+ ne amradofoɔ, afotufoɔ, afotosanfoɔ, atemmufoɔ, polisifoɔ mpanimfoɔ,+ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa, na wɔmmra adwabɔ+ a ɔhene Nebukadnesar de rehyira ne honi soɔ no ase.