11 Me deɛ, metwaa m’ani hwɛɛ adwuma a mede me nsa ayɛ nyinaa ne adwuma a mabrɛ ayɛ,+ na hwɛ! ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie,+ na biribiara so nni mfasoɔ owia ase.+
26 Deɛ ɔyɛ onipa pa nokorɛ Nyankopɔn anim+ no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ,+ na ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ne sɛ ɔmmoaboa ano mfa mma onipa pa no.+ Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie.+