Exodus 1:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Akyire yi Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ nyinaa wuwuiɛ.+ Dwom 89:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna tenten teɛ.+Enti wobɔɔ nnipa mma nyinaa kwa anaa?+ Dwom 90:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yɛn mfeɛ nna deɛ, ɛyɛ aduɔson;+Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na ɛduru aduɔwɔtwe,+Nanso ɔhaw ne amanehunu nko ara na ahyɛ mu mã;+Ɛtwam ntɛm, na yɛyera.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom+ no nso asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn+ a ɔde maeɛ+ no hɔ. Sakaria 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “‘Mo agyanom wɔ he?+ Na adiyifoɔ+ no nso tenaa ase daa anaa?
10 Yɛn mfeɛ nna deɛ, ɛyɛ aduɔson;+Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na ɛduru aduɔwɔtwe,+Nanso ɔhaw ne amanehunu nko ara na ahyɛ mu mã;+Ɛtwam ntɛm, na yɛyera.+
7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom+ no nso asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn+ a ɔde maeɛ+ no hɔ.