Dwom 119:165 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 165 Asomdwoeɛ pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ wo mmara,+Na biribiara nto wɔn suntidua.+ Yesaia 54:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa no ara bɛkyerɛkyerɛ+ wo mma+ nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.+ Yohane 14:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mede asomdwoeɛ gya mo, mede m’asomdwoeɛ+ ma mo. Ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma no na mede ma. Mommma mo akoma nntu na mommma no mmmɔ hu. Romafoɔ 15:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no ne mo nyinaa ntena.+ Amen. Filipifoɔ 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma+ ne mo adwene nsusuiɛ ho ban. 2 Petro 1:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Adom ne asomdwoeɛ mfa Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokorɛ nimdeɛ+ so nnɔɔso mma mo,+
27 Mede asomdwoeɛ gya mo, mede m’asomdwoeɛ+ ma mo. Ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma no na mede ma. Mommma mo akoma nntu na mommma no mmmɔ hu.
7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma+ ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.