Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 1:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ+ ne akra a ɛte aseɛ a wɔnenam+ nsuo mu manyamanya nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

  • Dwom 74:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Wo na wode w’ahoɔden hwanyan po;+

      Wobobɔɔ nsuboa akɛseɛ ti wɔ nsuo mu.+

  • Yesaia 51:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 O Yehowa basa,+ nyane ɛ, nyane na hyɛ ahoɔden!+ Nyane te sɛ deɛ woyɛɛ no tete no, te sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no.+ Ɛnyɛ wo na wobubuu Rahab mu pasaa,+ na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?+

  • Hesekiel 29:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+ asuboa kɛseɛ+ a woda Nil asuasu mu,+ wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea, na me ara na meyɛ faeɛ’+ no.

  • Hesekiel 32:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Onipa ba, twa Egypt hene Farao ho kwadwom na ka kyerɛ no sɛ, ‘Wote sɛ amanaman mu gyata, nanso wɔama woayɛ dinn.+

      “‘Na wote sɛ asuboa kɛseɛ wɔ po mu,+ na wohurihuri wɔ wo nsuo mu de wo nan hono nsuo no yɛ no fĩ.’

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane