Yeremia 18:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔ,+ ɛfiri sɛ mmara renyera mfiri asɔfoɔ nkyɛn,+ na afotuo remfiri anyansafoɔ nsam, na asɛm rempa adiyifoɔ anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn kɛtrɛma+ mmoro no, na mommma yɛnntie n’asɛm biara.” Mika 2:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne ne wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn mpa soɔ no nnue!+ Deɛ ɛhia ara ne sɛ adeɛ akye na wɔgu so,+ ɛfiri sɛ tumi wɔ wɔn nsam.+ Luka 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Enti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no rehwɛ+ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ homeda na wɔanya kwan bi afa so abɔ no soboɔ.+ Luka 20:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ deɛ wɔtene, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+
18 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔ,+ ɛfiri sɛ mmara renyera mfiri asɔfoɔ nkyɛn,+ na afotuo remfiri anyansafoɔ nsam, na asɛm rempa adiyifoɔ anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn kɛtrɛma+ mmoro no, na mommma yɛnntie n’asɛm biara.”
2 “Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne ne wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn mpa soɔ no nnue!+ Deɛ ɛhia ara ne sɛ adeɛ akye na wɔgu so,+ ɛfiri sɛ tumi wɔ wɔn nsam.+
7 Enti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no rehwɛ+ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ homeda na wɔanya kwan bi afa so abɔ no soboɔ.+
20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ deɛ wɔtene, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+