4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia+ ne asɔfoɔ a wɔdi hɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ+ no sɛ wɔnyiyi anwenneɛ a wɔyɛ maa Baal+ ne bosom dua+ no ne ɔsoro asafo+ nyinaa no mfiri Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyee ne nyinaa wɔ Yerusalem kurotia, Kidron+ ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+
4 Bio nso, ɔhwɛ maa wɔbubuu Baal+ afɔrebukyia+ no, na aduhwam adeɛ+ a ɛwowɔ soro no, ɔtwitwaeɛ, na abosonnua+ ne ahoni a wɔasene+ ne dadeɛ ahoni no, ɔyam no dukuduku+ de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ soɔ no adamena so.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+