25 Berɛ a ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ ammirikatufoɔ ne akunini no sɛ: “Mommra mmɛkunkum wɔn! Mommma obiara mmfiri adi.”+ Ɛnna ammirikatufoɔ ne akunini+ no firii aseɛ de nkrantɛ kunkum wɔn, na wɔtotoo wɔn guu abɔnten, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Baal abosonnan* no mu.
6 Afei nso, ɔyii bosom dua+ no firii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Yerusalem kurotia, Kidron subɔn no mu, na ɔhyee+ no Kidron subɔn no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtoo mfuturo no guu ɔmanfoɔ asieeɛ.+