Yesaia 29:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛnkaa berɛ tiaa bi na Lebanon adane turo+ na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ?+ Yesaia 32:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 kɔsi sɛ wɔbɛhwie honhom afiri soro+ agu yɛn soɔ na serɛ adane turo na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ.+ Yesaia 35:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛberɛ no mu na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ+ na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.+ Nsuo bɛtue serɛ so na nsubɔnten asene asase pradaa so. Yesaia 51:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+ Hesekiel 36:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Na nkurɔfoɔ bɛka sɛ: “Asase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkuro a asɛe adane amamfõ a ɛdwiri guiɛ no, wɔato ho ɔfasuo, na nnipa abɛtena mu.”+
6 Ɛberɛ no mu na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ+ na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.+ Nsuo bɛtue serɛ so na nsubɔnten asene asase pradaa so.
3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+
35 Na nkurɔfoɔ bɛka sɛ: “Asase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkuro a asɛe adane amamfõ a ɛdwiri guiɛ no, wɔato ho ɔfasuo, na nnipa abɛtena mu.”+