9 Ná Yehowa diyifoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Oded. Ɔfirii adi kɔhyiaa asraafoɔ a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mo agyanom Nyankopɔn bo fuu+ Yuda nti na ɔde wɔn hyɛɛ mo nsa maa mode abufuo+ a ɛduru soro+ kunkum wɔn no.
16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
25 Enti ɔhwiee n’anibereɛ, n’abufuo ne ɛko mu abufuhyeɛ guu ne so.+ Na ɛdɛre twaa ne ho hyiaeɛ,+ nanso wanhunu;+ ɛhyee no, nanso wamfa anhyɛ n’akomam.+