Dwom 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Nkontomposɛm na wɔkeka kyerɛ wɔn ho;+Wɔde anodɛ+ keka nsɛm a ɛfiri akoma ntanta+ mu. Yesaia 32:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na ogyimfoɔ de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde n’akoma asusu bɔne+ sɛ ɔbɛte atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no. Yesaia 59:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mogya ayɛ mo nsam mã,+ na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ. Mo ano ka atosɛm,+ na mo kɛtrɛma ka nkontomposɛm.+
6 Na ogyimfoɔ de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde n’akoma asusu bɔne+ sɛ ɔbɛte atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no.
3 Mogya ayɛ mo nsam mã,+ na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ. Mo ano ka atosɛm,+ na mo kɛtrɛma ka nkontomposɛm.+