Yeremia 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Sɛdeɛ asubura ma emu nsuo yɛ nwunu no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwunu. Wɔte basabasayɛ ne afomfa nka wɔ ne mu;+ yareɛ ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa. Amos 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Wɔnnim adetenenee yɛ,+ na wɔkora amumuyɔ+ ne nsisie so wɔ wɔn aban mu.” Yehowa asɛm nie.’ Mika 6:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Amumuyɔsɛm ahyɛ kuro no mu adefoɔ mã, na emufoɔ ka atosɛm,+ na wɔn kɛtrɛma to bradɛ wɔ wɔn anom.+
7 Sɛdeɛ asubura ma emu nsuo yɛ nwunu no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwunu. Wɔte basabasayɛ ne afomfa nka wɔ ne mu;+ yareɛ ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa.