Dwom 62:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Me nkwagyeɛ ne m’animuonyam gyina Onyankopɔn so.+Onyankopɔn ne me botantim ne me dwankɔbea.+ Dwom 71:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 W’ayeyie ahyɛ m’anom ma,+Na meka w’animuonyam daa.+ Sakaria 2:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na mɛyɛ me ho egya fasuo atwa ho ahyia,+ na mɛma m’animuonyam ahyɛ hɔ mã,”+ Yehowa asɛm nie.’” Luka 2:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 kanea+ a wonam so bɛyi deɛ ɛkata+ amanaman+ no so ama ahyɛ wo man Israel animuonyam.”