Deuteronomium 28:51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbaeɛ nyinaa akɔsi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennya wo ayuo anaa nsã foforɔ anaa ngo anaa w’anantwie mma anaa wo nnwan mma kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.+ Yeremia 5:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”
51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbaeɛ nyinaa akɔsi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennya wo ayuo anaa nsã foforɔ anaa ngo anaa w’anantwie mma anaa wo nnwan mma kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.+
17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”