8 Deɛ Yehowa aka nie: “Anisɔ berɛ mu na mebuaa woɔ,+ na nkwagyeɛ da na meboaa woɔ,+ na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+ na woasiesie asase no+ ama wɔasan adi agyapadeɛ a ayɛ amamfõ no so bio.+
34 “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa soɔ no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya+ ahyira mo, momfa ahennie+ a wɔasiesie ama mo firi wiase nhyɛaseɛ+ no nni.+
9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+