Yeremia 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛno nti na Yehowa abufuhyeɛ ahyɛ me ma no. Makura mu abrɛ.”+ “Hwie gu abɔnten+ so abɔfra so ne mmeranteɛ adwabɔ so berɛ korɔ mu, na wɔbɛkyere ɔbarima ne ne yere nyinaa, ne akɔkoraa ne deɛ nna amee no.+ Kwadwom 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mpanimfoɔ agyae kuro apono ano tena,+ na mmeranteɛ agyae wɔn sankudwom bɔ.+
11 Ɛno nti na Yehowa abufuhyeɛ ahyɛ me ma no. Makura mu abrɛ.”+ “Hwie gu abɔnten+ so abɔfra so ne mmeranteɛ adwabɔ so berɛ korɔ mu, na wɔbɛkyere ɔbarima ne ne yere nyinaa, ne akɔkoraa ne deɛ nna amee no.+