53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo dendeenden ama worennya wo ho atwayɛ. Enti wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no nam.
2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+