Hiob 38:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Wonim wiem mmara?+Anaa wobɛtumi ahyehyɛ ne tumidie wɔ asase so? Dwom 74:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wo na adekyeeɛ yɛ wo dea, na adesaeɛ nso wɔ woɔ.+Wo na wosiesiee nkanea, na awia nso ka ho.+ Dwom 104:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Woayɛ bosome sɛ ɛnkyerɛ berɛ;+Awia nim baabi a ɛkɔtɔ.+ Yeremia 31:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Yehowa a ɔma awia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama bosome+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, deɛ waka nie:
35 Yehowa a ɔma awia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama bosome+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, deɛ waka nie: