Dwom 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nkwagyeɛ yɛ Yehowa dea.+Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela. Dwom 37:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Yehowa;+Ɔno ne wɔn ahohia berɛ mu dwankɔbea.+ Yesaia 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+ Yohane 4:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Mosom deɛ monnim;+ yɛn deɛ, yɛsom deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ firi Yudafoɔ mu.+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+