8 Yehoiakin+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba.
15 Saa na ɛyɛeɛ a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne asase no so atitire nso, ɔde wɔn firi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
10 Na afe kɔ bɛhyiaeɛ+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ maa wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom boɔ kaa ne ho baeɛ.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
30 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montwerɛ no ɔbarima yi ho sɛ obi a ɔnni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nna mu, ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie+ ama no atena Dawid ahennwa so+ adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”