17 Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmeranteɛ mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ mpo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ, na obiara ano ka agyimisɛm. Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
4 Deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛhwe fam ahyɛ nneduafoɔ ase, na nnipa bɛtete ahwe ama awufoɔ abɛsum wɔn so.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+