14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+
19 “‘Deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyane!” na ɔka kyerɛ ɛboɔ mum sɛ: “Sɔre! Ɔno na ɔbɛkyerɛ adeɛ”!+ no nnue. Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ na adura ho,+ na home biara nni mu.+