Dwom 79:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuoDe atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia, na obi nni hɔ a ɔbɛsie wɔn.+ Yeremia 7:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wiem nnomaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renyi wɔn hu.+ Yeremia 36:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Ɛno nti deɛ Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim nie, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ,+ na ne funu nso, wɔbɛto atwene,+ na ɛhyew aka no awia, na awɔ afa so anadwo.
30 Ɛno nti deɛ Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim nie, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ,+ na ne funu nso, wɔbɛto atwene,+ na ɛhyew aka no awia, na awɔ afa so anadwo.