11 Israelfoɔ nyinaa abu wo mmara so; wɔamane, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn soɔ no, ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne.
4 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yuda+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔpoo Yehowa mmara,+ na wɔanni n’ahyɛdeɛ so, na wɔn atorɔ+ maa wɔyeraeɛ, atorɔ a wɔn agyanom dii akyire no.+