23 Na berɛ a Yehowa somaa mo firi Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asase a mede ama mo!’ no nso, motee Yehowa mo Nyankopɔn so atua,+ na moannye no anni+ na moantie no.+
21 na ɔteaam frɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ́ woate Yehowa ahyɛdeɛ so atua+ na woanni mmara nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn de maa woɔ no soɔ,+