20 Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho+ kɔdi amumuyɔsɛm na mede suntidua to n’anim a,+ ɔbɛwu ɛfiri sɛ woammɔ no kɔkɔ. Ne bɔne nti ɔbɛwu,+ na wɔrenkae adetenenee a ɔyɛeɛ no,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam.+
24 “‘Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm,+ na ɔyɛ akyiwadeɛ a ɔbɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi+ na ɔda so te ase a, wɔrenkae adetenenee a wayɛ no biara.+ N’amumuyɔ ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+
20 Nokwasɛm nie, sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nokorɛ nimdeɛ so tete wɔn ho firi wiase fĩ ho,+ na wɔsan de wɔn ho kɔhyɛ adekorɔ no ara mu bio ma ɛfa wɔn nnommum a,+ ɛnneɛ na wɔn tebea asɛe koraa sene kane deɛ no.+