Dwom 98:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Momma nsubɔnten mmobɔ wɔn nsam;Momma mmepɔ nyinaa nto ahurisi dwom+ Yesaia 44:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 “Ɔsoro, monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔ,+ kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛ mo. Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’animuonyam adi wɔ Israel.”+ Yesaia 51:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+ Yesaia 60:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei wobɛhunu na woahyerɛn,+ na w’akoma bɛhuri adi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo mu ahonyadeɛ nyinaa bɛba wo nkyɛn, na aman ahodeɛ bɛyɛ wo dea.+ Hesekiel 36:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Mɛma nnua so aba ne afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na ɛkɔm nti mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+
23 “Ɔsoro, monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔ,+ kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛ mo. Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’animuonyam adi wɔ Israel.”+
3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+
5 Afei wobɛhunu na woahyerɛn,+ na w’akoma bɛhuri adi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo mu ahonyadeɛ nyinaa bɛba wo nkyɛn, na aman ahodeɛ bɛyɛ wo dea.+