14 “Wɔn a wɔma wo ho hiahia woɔ no, wɔn mma de nkotodwe bɛba w’anim.+ Na wɔn a wɔbu wo animtia no bɛkoto wo nan ase,+ na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro, Israel Kronkronni no Sion.+
19 Saa berɛ no, mɛkanyan me ho wɔ wɔn a wɔha woɔ no nyinaa so.+ Mɛgye deɛ ɔtɔ gu ne nan soɔ no+ na maka wɔn a wɔahweteɛ no aboa ano.+ Na mede wɔn bɛyɛ ayeyie ne edin wɔ asase a wɔn anim guu ase wɔ soɔ no nyinaa so.