16 Yehowa bɛbobom afiri Sion, na ɔbɛma ne nne so afiri Yerusalem.+ Ɔsoro ne asase bɛwoso,+ nanso Yehowa bɛyɛ dwankɔbea ama ne man,+ ne abandenden ama Israel mma.+
8 Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Berɛ a wɔhyɛɛ no animuonyam wieeɛ no,+ ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfom mo faeɛ no nkyɛn.+ Na deɛ ɔde ne nsa ka mo no,+ ɔde ne nsa aka m’ani kosua.+