17 Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoeɛ na mobɛnya.”’+ Na obiara a ɔdi n’atuateɛ akoma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusuo biara remma mo so.’+
18 Na wɔkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biara nni soɔ, na wɔnam ɔhonam akɔnnɔ+ ne ahohwibra so to wɔn a afei na wɔatete wɔn ho+ afiri nnebɔneyɛfoɔ ho no bradɛ.+