5 Saa berɛ no mu na Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa Yerusalem so sɛ wɔne wɔn rebɛko, na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi wɔn.+
5 Ɛnna Yehowa, ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria+ hene nsa+ maa no dii ne so nkonim, na ɔfaa nnipa bebree nnommum kɔɔ Damasko.+ Ɔde no hyɛɛ Israel hene nso nsa+ maa no de okunkɛseɛ kunkum ne nkurɔfoɔ.
7Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ soɔ no, Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔrebɛko atia Yerusalem, nanso wɔantumi kuro no.+