Deuteronomium 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Sɛ mma yɛ biribi a, nku wɔn agyanom, na sɛ agyanom nso yɛ biribi a, nku wɔn mma.+ Obiara bɔne ho na wɔnku no.+ 2 Ahemfo 14:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Awudifoɔ no mma deɛ, wanku wɔn, na ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ yi:+ “Monnkum agyanom deɛ wɔn mma ayɛ ho, na monnkum mma deɛ wɔn agyanom ayɛ ho; obiara bɔne na monhwɛ ho nku no.”+ Yeremia 31:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Obiara bɛwu ɔno ara ne bɔne ho.+ Obiara a ɔbɛdi bobebunu no, ɔno ara na ne sẽ bɛfem.” Hesekiel 18:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛdeɛ agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na ɔbɛwuo.+
16 “Sɛ mma yɛ biribi a, nku wɔn agyanom, na sɛ agyanom nso yɛ biribi a, nku wɔn mma.+ Obiara bɔne ho na wɔnku no.+
6 Awudifoɔ no mma deɛ, wanku wɔn, na ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ yi:+ “Monnkum agyanom deɛ wɔn mma ayɛ ho, na monnkum mma deɛ wɔn agyanom ayɛ ho; obiara bɔne na monhwɛ ho nku no.”+
4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛdeɛ agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na ɔbɛwuo.+