9 Ka kyerɛ nneduafoɔ+ sɛ, ‘Mompue mmra!’+ na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ sum mu+ sɛ, ‘Monyi mo ho adi!’+ Akwan so na wɔbɛdidie, na akwan pradaa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea.+
14 Fa wo poma hwɛ wo man,+ wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no, wɔn a wɔn nko ara te kwaeɛ mu, turo mfimfini no.+ Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete berɛ no mu.+