22 Nanso hwɛ, nnipa bi bɛfiri mu aka na wɔde wɔn afiri adi.+ Wɔyɛ mma mmarima ne mma mmaa! Wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn na moahunu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ.+ Na mo werɛ bɛkyekyere wɔ mmusuo ne biribiara a mede baa Yerusalem soɔ no ho.’”
32 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.+ Na sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔn a wɔbɛdwane no,+ Bepɔ Sion so ne Yerusalem ne wɔn a wɔafiri mu afi a Yehowa afrɛ wɔn no mu na wɔbɛtena.”+
7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan soɔ no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefoɔ,+ na wɔn a wɔapamo wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛseɛ.+ Na Yehowa bɛdi wɔn so hene wɔ Bepɔ Sion so firi nnɛ akɔsi daa.+