6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+
12 Ɛno nti mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde ne kra maa owuo,+ na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na ɔdi maa mmaratofoɔ.+
15 Ɔpaa nnisoɔ ne tumidie+ ahodoɔ no ho, na ɔde wɔn kyerɛɛ pefee wɔ badwam sɛ wadi wɔn so nkonim,+ na ɔnam asɛndua no so dii wɔn anim wɔ nkonimdie aperententuo+ mu.